Psalms 116


1Medɔ Awurade efisɛ, ɔtee me nne.
Ɔtee me mmɔborɔsu.

2 Esiane sɛ ɔbrɛɛ nʼaso ase maa me nti,
mɛfrɛ no wɔ bere a mete ase yi.


3 Owu ahama bebaree me,
ɔda ho yawdi baa me so,
ɔhaw ne awerɛhow hyɛɛ me so.

4 Afei mebɔɔ Awurade din kae se,
Awurade, gye me nkwa!”


5 Awurade yɛ ɔdomfo ne ɔtreneeni;
ayamhyehye ahyɛ yɛn Nyankopɔn ma.

6 Awurade bɔ ɔwɛmfo ho ban;
bere a mewɔ ahohia mu no, ogyee me.


7 Nya abotɔyam bio, me kra,
efisɛ Awurade ne wo adi no yiye.


8 Na wo, Awurade, woagye me kra afi owu mu;
woamma mʼani amporow nisu,
na woamma mʼanan anhintiw

9 sɛ mɛnantew Awurade anim
wɔ ateasefo asase so.


10 Migye dii; ɛno nti mekae se,
“Mewɔ ahohia kɛse mu.”

11 Na mʼahokyere mu mekae se,
“Nnipa nyinaa yɛ atorofo.”


12 Dɛn na metumi de atua Awurade ka
wɔ ne papa a wayɛ me nyinaa?


13 Mɛma nkwagye kuruwa no so
na mabɔ Awurade din.

14 Medi bɔ a mahyɛ Awurade no nyinaa so
wɔ ne nkurɔfo nyinaa anim.


15 Awurade nkoa nokwafo wu
som bo wɔ Awurade ani so.

16 Awurade, ampa ara meyɛ wo somfo;
meyɛ wo somfo, wʼafenaa babarima;
woayi me afi me mpokyerɛ mu.


17 Mɛbɔ aseda afɔre ama wo
na mabɔ Awurade din.

18 Medi me ntam a maka Awurade no so
wɔ ne nkurɔfo nyinaa anim,

19 wɔ adiwo a ɛwɔ Awurade fi no,
wɔ wʼanim, Yerusalem.

Monkamfo Awurade.
Copyright information for TwiAKNA